0% found this document useful (0 votes)
234 views3 pages

AHENTUO

It about chieftaincy

Uploaded by

isaacofori54321
Copyright
© © All Rights Reserved
We take content rights seriously. If you suspect this is your content, claim it here.
Available Formats
Download as DOCX, PDF, TXT or read online on Scribd
0% found this document useful (0 votes)
234 views3 pages

AHENTUO

It about chieftaincy

Uploaded by

isaacofori54321
Copyright
© © All Rights Reserved
We take content rights seriously. If you suspect this is your content, claim it here.
Available Formats
Download as DOCX, PDF, TXT or read online on Scribd
You are on page 1/ 3

AHENTUO

Amammerɛ kwan a Akanfoɔ fa so yɛ amanneɛ yi ɔhene firi n’adwa so sɛ kuro


no so hwɛfoɔ ne “Ahentuo’’. Anokwa, ɛnyɛ Akanfoɔ adwene ne sɛ w]bɛtu wɔn
ahenfo adeɛ so basabasa. Nanso sɛ ɔhene bi yɛ nneɛma a ɛmfata na Ɔhemaa
ne ne mpanimfoɔ tu no fo na sɛ wantie a, wɔfa Amanneɛ kwan so tu no firi
akonnwa no so.

DEƐ WƆGYINA SO DE TU ƆHENE AKONNWA SO

 Sɛ ɔhene dwane ɔsa anaa ɔko a


 Sɛ Ɔhene yare yare-b]ne bi te sɛ kwata, ɛtwerɛ, dammɔ, anaa anifura a.
 }hene tiatia ne mpanimfoɔ anim a
 Sɛ Ɔhene yɛ asoɔden na ɔntie ]hemaa ne ne mpanimfo] asɛm a
 Ɔhene didi basabasa wɔ badwam a
 Sɛ Ɔhene gye obi yere ma w]gye no ayefade[ a
 Sɛ Ɔhene keka ntam basabasa a
 Sɛ Ɔhene frefre abosom bobɔ nnua a
 S[ Ɔhene antumi anhwɛ ammɔ akonnwa agyapadeɛ ho ban a
 Sɛ Ɔhene taa tutu akwan wɔ berɛ a ne mpanimfoɔ nnim ho hwee a
 Sɛ Ɔhene bi k]da afiase a
 Ɔhene de ne ho hyehye amanyosem mu a
 Sɛ Ɔhene bɔ korɔno a
 Sɛ Ɔhene tɔn nkonnwa asaase basabasa a

KWAN A WƆFA SO TU ƆHENE

Sɛ ɔhene yɛ nneɛma bi a ɛmfata a ne manfoɔ pɛ sɛ wotu no adeɛ so a,


ɔkyerɛma nyane ahanamakye frɛfrɛ nsamanfoɔ ma w]n ba fie. Anɔpa,
atenankonnwa no nyinaa kɔtena ase wɔ ahemfie hɔ. W]to nsa frɛ Ɔhene ma
no bɛtena ase wɔ dan mu wɔ ahemfie hɔ, wɔ mpanimfoɔ no anim. Kontihene
tena adwa ti, di Ɔhene no asɛm wɔ mpanimfo] no anim. Sɛ Kwaadu no bi tia
no a, mpanimfoɔ gyina so de no kɔ dwa no anim wɔ Ahefie petee mu hɔ.
Gyaasehene sɔre de kwaadu a ɛtia ɔhene no to ɛdɔm no anim.

Akyeamehene sɔre kɔ dwa mu bɔ ɔhene no din, ka ntam gu Ɔhene no so. Sɛ


ɛfiri saa da no ]mfrɛ ne ho ɔhene bio. Afei atuomtofoɔ to tuo na amono mu hɔ
ara mpaboakurafo]hene kɔworɔ Ɔhene no nan mu mpaboa de pae
n’apampam mprensa.

Nkonnwasoafoɔhene kɔhwan ne to akonnwa. Wɔyi ne so kyiniiɛ na


Gyaasehene ne Dabehene toto apono mu wɔ ahemfie hɔ. Gyaasehene ne
Dabehene gyina ɔman no anan mu gye ɔman no nneɛma a Ɔhene no bɛbu ho
akontaa no ne ahemfie nsafoa nyinaa. Kontihene gu nsa, twa dwan de dwan-
serɛ kɔbɔ Ɔmanhene anaa Ɔhene panin no amanneɛ. Yei de amanne[ no ba
awiee[.
REFERENCES;

Addo, C. E. (2013). Enstoolment and destoolment of chiefs in Ghana: A study


of the Akan traditional area. Journal of African Studies and Development
Adjaye, J. K. (1994). The enstoolment of chiefs in Ashanti: A study of the
symbolism and significance of the ceremony. Journal of Religion in Africa
Awuah-Nyamekye, S. (2011). Destoolment of chiefs in Ghana: A study of the
legal and cultural implications. Journal of Legal Studies and Research.
Boampong, Y. A. (2017). Destoolment of chiefs in Akan traditional areas: A
study of the causes and consequences. Journal of Sociology and
Anthropology

You might also like