Bless Project
Bless Project
menyaa mu mmoa mu. Me nsa ano agyinahyɛdeɛ wɔ dwumadie yi so. Nwoma ahodoɔ a menyaa
ƆHWƐFOƆ PAEMUKA
…………………………………. …………………………….
DINTOƆ.
Meto saa nwoma yi de hyɛ me maame Margaret Agyeiwaa Mfum, ne me maame, Rebecca
ASEDA.
Mede aseda a ɛnni kabea ma Nyankopɔn sɛ wabɔ me ho ban, na wama me nyansa mmorosoɔ
ama m’atumi de atintim nwoma yi asomdwoeɛ mu. Aseda a ɛtɔ so bɛkɔ ama m’awofoɔ ne me
nuanom a wɔaboa abɔ me ho ka ama matumi asua adeɛ abɛsi saa mpɛmpɛnsoɔ yi. Mɛsane nso
ada akyerɛkyerɛfoɔ akukudam, a wɔwɔ suapɔn yi mu, ne titire, me hwɛsofoɔ, owura Mathias
Sackitey wɔ wɔn mmoa ne wɔn adaagyeɛ a wɔasɛe no wɔ me ho firi m’adesua yi ahyaseɛ abɛsi
nnɛ.
Mede aseda bio bɛma me maame Rebecca Amoampong wɔ ne sika a ɔde aboa me wɔ m'adwuma
ƐMU NSƐM.
PAEMUKA. i
DINTOƆ. ii
ASEDA. iii
ƐMU NSƐM. iv
ƆFA A ƐDI KAN
DWUMADIE NO NNIANIMU
1.0. Nnianimu.
ANIMDEFOƆ BI ADWENKYERƐ.
2.0. Nnianimu.
2.1 Abakɔsɛm.
2.3.1 Asakyiri .
2.3.2 Agona.
2.3.3 Asona
2.3.4 Aduana.
2.3.5 Ɔyokoɔ
2.3.6 Ɛkoɔna
2.3.7 Biretuo
2.3.8 Aseneɛ
2.4 Akyiwadeɛ
2.6 Ahensie
2.7 Tɔfabɔ.
3.0. Nnianimu.
3.4.1. AKWANSRƐ
3.4.2. NKƆMMƆTWETWEƐ
3.4.3. NSƐMMISA
3.4.4. NSRAHWƐ
DWUMADIE NO ANKASA.
4.0. Nnianimu
4.4.1 Kuayɔ
4.4.2 ahayɔ
4.4.3 Tireyɛ
4.4.4 Adepam
4.4.5 Dwadie
5.0. Nnianimu
5.1. Tɔfabɔ.
5.2. Nsusuiɛ.
5.4. Awieeɛ.
DWUMADIE NO NNIANIMU
1.0. NNIANIMU
Ɔfa a ɛdikan yi kasa fa me nhwehwɛmu no nyinasoͻ, ͻhaw adiyie, nhwehwɛmu no botaeɛ, nhwehwɛmu
Kuro biara wͻ n’abakͻsɛm, ɛnam so ma yɛhunu ͻman no amammerɛ ne amanneɛ, ɛsiane nso ma yɛhunu
nkuro a ahinta. Antwi (2001:55) ka sɛ, “Abakɔsɛm yɛ nsɛm ne nneɛma bi a ɛfa nkurɔfoɔ binom ho, nkuro
na ɛsom bo ma wɔn yie. Agyeman (2002:123) kyerɛ sɛ, “abakɔsɛm yɛ nsɛm bi a asisi pɔtee a ɛfa
Yɛbu nkɔmpɔ kɔhwɛ saa abakɔsɛm yi nyinaa a, akɔyɛ ano kasadwini a wɔnam wɔn anom nsɛm so na ɛde
to dwa, na mmom yɛntintimm nguu nkrataa so. Ofori (2008) nso da no adi sɛ, "abakɔsɛm yɛ nsɛm
Ɛnnɛ yi, yɛn ara yɛtumi hunu nsonsonoeɛ kɛseɛ a abɛda sɛdeɛ na yɛn nananom yɛ wɔn ano kasadwini, ne
sɛdeɛ yɛn pɛn yi so yɛyɛ no. Yei ama nimdeɛ afoforɔ afra yɛn abakɔsɛm ahodoɔ no mu. Ne saa nti, ɛreyɛ
ayera. Nnipa pii wɔ yɛn man yi mu a wɔntee Kofiase din na kampɛsɛ wɔate wɔn abakɔsɛm. Wɔn a wɔate
edin no, ne kuro mma no binom wɔ hɔ a wɔnnim abakɔsɛm no ho hwee. Yei nti mehunuu hia a ɛho bɛhia
sɛ mɛtintim abakɔsɛm yi wɔ nkrataa so, na daakye bi, ne nnɛ yi mpo, yɛahunu akyiri kwan, na anyera,
ɛsiane sɛ mpanin se “Dabi asɛm nti na yɛdɔ kɔto kwadu a yɛgyam ho” Mepɛ sɛ mehyɛ mu kena ma no
Nnipa pii wɔ yɛn man yi mu a wɔntee kuro Kofiase din na kampɛsɛ wɔate wɔn abakɔsɛm. Wɔn a wɔate
edin no, ne kuro mma no binom wɔ hɔ a wɔnnim abakɔsɛm no ho hwee. Ɛnam sɛ adikanfoɔ no antumi
atintim yɛn abakɔsɛm yi angu nwoma mu nti, ɛreyɛ ayera. Metuu anammɔn kɔɔ Kofiase kuro no mu
kɔbisaa kuro mma no bi Kofiase abakɔsɛm. Mesane nso kɔɔ kuro mpanimfoɔ bi nkyɛn kɔbisaa wɔn
Kofiase kuro no abakɔsɛm. Mehunuu sɛ kuro mma no a mebisaa wɔn nsɛm dodoɔ no ara nnim wɔn kuro
no abakɔsɛm. Afei, ɛnam sɛ mpanimfoɔ a wɔnim abakɔsɛm no mu fa kɛseɛ no ara kɔ wɔn kra akyi nti,
ama abakɔsɛm no nwie pɛyɛ. Yei maa mehunuu mfasoɔ a ɛbɛba so sɛ mɛyɛ saa nhwehwɛmu yi afa
ii) ɛbɛkyerɛ adeɛ kye saeɛ(adekye saeɛ) no a ayɛ ɔbosom kɛseɛ wɔ kuro no mu no abakɔsɛm
abakɔsɛm nguu nwoma mu ntoo hɔ enti sɛ wobɛte Kuro no abakɔsɛm a gye sɛ anosɛm. Da a ɛdi kan a
mekɔɔ kuro no mu no, na kuro no mu mpaninfoɔ ahyiam wo ahemfie nanso na wɔkyerɛ sɛ ɔman no mu
hene nka wɔn ho. Berɛ a mede M'ahiasɛm too wɔn anim no, ɛsiane sɛ wɔn abakɔsɛm no akɔyɛ anosɛm
no nti na mpaninfoɔ no nhunu deɛ ɔde ne ho bɛsi hɔ asɛe n'adaagyeɛ akyerɛkyerɛ me kuro no abakɔsɛm.
Na wɔkyerɛ sɛ wɔn nwuma dɔɔso. Yei yɛɛ ɔhaw a ɛsii m'anim pɛɛ a anka ɛrebu m'abam, ɛfiri sɛ na ɛyɛ da
a ɛdi kan a mekɔɔ kuro no mu. Akyeamehene ne Benkumhene maa me nyaa no nteeɛ sɛ wɔbɛboa me.
Me nhwehwɛmu no mu ara na Otuo Agyei Acheampong a ɔno ne Kofiaseman hene firii mu. Yei twee me
dwumadie no ase wɔ foono so. Foono so nkɔmmɔ yi maa me bɔɔ ka yie. Foono so nkɔmmɔ no akyi na
ɛwɔ sɛ mesane foro kaa kɔ kuro no so abrano abrano kɔhwehwɛ nnoɔma a atwa kuro no mu ahyia sɛdeɛ
ɛbɛyɛ a metumi anya nsɛm de adi me dwuma no na mpanin se, "Kwakye adeɛ yɛ fɛ a yɛde sika na ɛyɛ"
akɔneabadie yi nso maa me sɛee sika pii nanso m'abam ammu. Ɛtɔ da a mefrɛ wɔn a na wɔretutu me
hyɛ da. Nanso metɔ kɔɔso yɛɛ nhwehwɛmu yi sɛdeɛ ɛsɛ na ɛfata.
Medii dwuma no nyinaa wɔ Kofiase kuro no mu. Na anka ɛwɔ sɛ metu anamɔn kɔ Agona ahemfie kɔbisa
Ɔpɔn Panin ne Ɔpɔn Kumaa a ɛnam wɔn so ma yɛnyaa kuro Kofiase no ho asɛm, na afei nso metu
anamɔn kɔ Tano asefoɔ a wɔfiri Takyiman tu bɛtenaa Kofiase maa wɔboa kyekyeree kuro no nkyɛn kɔbisa
wɔn deɛ ɛsiiɛ a wɔtu baa Kofiase. Nanso mpaninfoɔ se, " Mɛkɔ bi mɛkɔ bi ɛno ne sika yi ara" sikasɛm nti
mantumi anyɛ yeinom. Nanso me dwumadie yi kasa fa Kofiase abakɔsɛm, adekye saeɛ no ho abakɔsɛm
Me dwumadie yi ho mfasoɔ ne sɛ; Ɛbɛyɛ mmoa nwoma ama wɔn a daakye bi wɔbɛyɛ
nhwehwɛmu afa nkuro abakɔsɛm ho. Ɛbɛsane aboa ama mpanimfoɔ ne ahemfo binom ahunu hia
a ɛhia sɛ wɔkurukyire wɔn nkuro ho abakɔsɛm gu nwoma mu na aboa ama nkyirimma ahunu nea
wɔfiri ne nea wɔrekorɔ. Saa nhwehwɛmu yi bɛboa nkyirimma ama wɔahunu wɔn abakɔsɛm ne, hia a
ɛho hia sɛ wɔbɔ ho ban. Ɛbɛsane aboa ama wɔn a wɔntee Kofiase nka no ate, na wɔate ho nsɛm bi a ɛhia.
Afei, ɛnam sɛ wɔnhyɛɛ da ntintimm nkrataa biara mfaa kuro yi ho nti, saa dwumadie yi bɛyɛ krataa a
yɛatintim kuro yi ho nsɛm wɔ mu, na aboa ama kuro yi din aduru akyire yɛn man yi mu.
1.8 Dwumadie yi nhyehyɛeɛ
Dwumadie yi gu afa ahodoͻ num. Ɔfa a ɛdi kan no kura nnianimu, nyinasoͻ, ͻhaw adiyie, nhwehwɛmu
Ɔfa a ɛtͻ so mmienu kasa fa animdefoͻ bi nhwehwɛmu bi a wͻayɛ afa kuro bi abakͻsɛm, abosom ho,
Ɔfa a ɛtͻ so mmiɛnsa kasa fa nhwehwɛmu no, ͻkwan a mefaa so nyaa nipa de dii dwuma yi, nnipa dodoͻ
a me ne wͻn dii dwuma yi ne ͻkwan a mefaa so nyaa nsɛm yɛɛ nhwehwɛmu no.
Ɔfa nnan no de yɛn bɛdɔ asukɔ wɔ Kofiase abakɔsɛm no ne n’abɔseɛ mu, adekye saeɛ a ɛwɔ kuro no mu
ho abakɔsɛm, mmusuakuo ahodoɔ ne nkonwa wɔdi no kuro no mu ne nwuma atitire a wɔyɛ no kuro no
mu.
Afei, ͻfa a ɛtͻ so num no nso bɛbͻ dwumadie no nyinaa tͻfa na asane ada nsusuiɛ a mewɔ fa Kofiase
abakͻsɛm ho.
Ɔfa yi hyɛaseɛ firi nyinasoɔ, ɔhaw no adiyie, botaeɛ, nsɛmmisa, ɔhaw a mehyiaa no wɔ nhwehwɛmu no
ANIMDEFOƆ BI ADWENKYERƐ.
2.0. Nnianimu
Ɔfa yi mu no yɛbɛhunu deɛ animdefoɔ bi aka afa nsɛm bi te sɛ; kuro abakɔsɛm asekyerɛ
ho, nnoɔma a ɛdi akotene wɔ abakɔsɛm mu, nnwuma bi a nnipa yɛ, Akanfoɔ mmusuakuo,
biribi a ɛwɔ hɔ nti, mentumi nsɔre prɛko pɛ nka abakɔsɛm no watraa saa ara a menkyerɛ
nsɛm bi mu. Saa nti, na ɛwɔ sɛ metumi boa ma yɛhunu saa nnoɔma yi, na ama me
2.1 Abakɔsɛm
Antwi (2001:55) ka sɛ, “Abakɔsɛm yɛ nsɛm ne nneɛma bi a ɛfa nkurɔfoɔ binom ho, nkuro
Abakɔsɛm yɛ nsɛm bi a asisi na ɛho wɔ adanseɛ, ɛyɛ nsɛm a ɛyɛ nokorɛ turoduroo. Sɛ
Agyeman (2002:123) nso da no adi sɛ, “Atetesɛm anaa abakɔsɛm yɛ nsɛm bi a asisi pɔtee
ɛfa ankorɛankorɛ anaa ɔman bi a ɛmu nnipa binom anya wɔn baabi kɔ ho, na yɛde ma
Asante (2001) kyerɛ sɛ "abakɔsɛm yɛ adeɛ bi a ɛkyerɛ ɔman bi abɔseɛ daadaa ne kasa a
ɛkyerɛ sɛnea nneɛma anaa nsɛm bi sisii wɔ ɔman bi so ne ɔkwan a wɔfaa so kyekyeree
kuro no.
Kofi Asante (2017) kyerɛ sɛ, "abakɔsɛm yɛ abasɛm a ɛfa nnipakuo anaa kuro bi mfitiaseɛ,
Filipino (2022) kyerɛ sɛ, "abakɔsɛm yɛ nneɛma anaa nsɛm a asisi atwam wɔ nnipakuo
binom asetenam anaa wɔn abrabɔm ne nkuro binom ho a abɛyɛ nsɛnnahɔ ama nkyirimma
Koranten, E.O (1961) nso kyerɛ sɛ, "abakɔsɛm yɛ nsɛm bi a ɛfa nnipakuo binom ho
nhwɛso deɛ ama nkyirimma ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. Koranten, E.O.(1961) dii dwuma
aman pii wɔ hɔ a wɔdii atutena ara de bɛsi nnɛ a ɛno bi ara na Bodi ne Aowinfoɔ yɛeɛ no.
Gabianu L. A(2004:6) atwerɛ wɔ ne nwoma a wato din sɛ "IF YOU KNOW YOUR
Mfantefoɔ nsa ano a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ maa wɔn mu fa kɛseɛ no ara bɛdanee Mfantefoɔ.
Ɔtoaa so bio wɔ ne krataa no mu sɛ, berɛ a Mfantefoɔ no bɔɔ wɔn hweteeɛ saa berɛ no,
Mankessim no. Wɔn na wɔde Estiifo no maa wɔn no ɛfiri sɛ na wɔn tiri afu kuhaa.
Ofori (2008) kyerɛ sɛ abakɔsɛm yɛ nsɛm bi a asisi pɔtee a ɛfa nkuro bi ho a mpanimfoɔ
Yɛtae hunu sɛ mmarima na wɔtae yɛ nsaanodwuma yi. Nnipakuo a wɔyɛ saa nnwuma bi
Ne saa nti, ɔman biara wɔ nnwuma ahodoɔ a emu nnipa dodoɔ no ara nam so tena ase ma
ɔman no gyina ne nan so pintinn. Nnwuma no bi yɛ daadaa asetena mu deɛ, ɛnna ebinom
nso yɛ nea wɔyɛ no berɛ a wɔwɔ adaagye. Akanfoɔ nnwuma no bi ne: ha, kua, abɛtwa,
kɛntɛnwɔno, kentenwono, sɔya twee, atonoo, mmoayɛn ne nea ɛkeka ho. (Arthur, 2003:
166).
2.3 Abusua
Asomah bisaa wɔ ne nwoma no mu sɛ, “Hwan ne Ɔkanni?” Ɔno ara buaa sɛ, “Ɔkanni ne
obi a ɔbɔ abusua ne ntɔn, na ɔdi ade kɔ ne na, anaa ne maame abusua mu”. Yei kyerɛ sɛ,
abusua anaa abusubɔ yɛ Ɔkanni biara ho adeɛ. Abusua gyina hɔ ma nnipakuo bi a wɔfiri
mogya baako mu, na wɔto wɔn nkyi kɔsi ɛna baako so. Asomah, (2017).
Arhtur (2008) kyerɛ mu sɛ ɔkanni biara bɔ abusua, na saa ɔkanni no ne obi a ɔbɔ abusua
kɔ maame fa mu. Akanfoɔ wɔ gyedie bi sɛ, mogya a ɛwɔ ɛna fam ne ntorɔ a ɛno nso wɔ
agya fam hyia na ɛma ɔkra teasefoɔ. Saa mogya no na yɛfrɛ no abusua. Deɛ ɛfiri mogya
“Ɛna fam” no na yɛfrɛ no “bogya abusua” “Cognatic kinship”. Deɛ ɛfiri awareɛ mu no
Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, tete no, na nnipa tete ankorɛankorɛ a na wɔnenam pɛ nnuaba ansa na
wɔadidi. Sɛ wɔnenam na adeɛ sa a, na wɔapɛ dua bi aforo akɔda so anaasɛ wɔapɛ adukuro
bi akɔda mu ama adeɛ akye. Wei akyi na onipa bi a wɔfrɛ no Abu baeɛ. Deɛ Abu yɛeɛ ne
sɛ, ɔboaboaa ne nnuanom, wɔn mma ne wɔn mma-mma ano a ɔne wɔn tenaa faako bɔɔ
bra.
Abu wuo akyi no, nnipa fitii aseɛ boaboaa wɔn asefoɔ ano tenaa beaeɛ korɔ. Sɛ obi yɛ
sɛdeɛ Abu yɛeɛ no bi a, deɛ na wɔka ne sɛ, ɔresua Abu anaasɛ Abu asuafoɔ. Akyire yi,
Abusua yɛ ɛna mogya a ɔkanni ba biara bɔ. abɔfra biara nya n’agyapdeɛ ne ne diberɛ firi
ɔmaame hɔ (Boasiako, n.d: 80-83). Akanfoɔ mmusua no yɛ nwɔtwe, weinom na ɛdidi soɔ
yi:
2.3.1 Asakyiri
Arthur (2003) se, wɔyɛ abusua a ɛyɛ abusua nyinaa Piesie, ne abusua nkaeɛ no nyinaa
nanso nnipa nnɔɔso. Wɔn akra aboa ne Pɛtɛ ne Ɔkɔdeɛ. Ne nua baa ne Pɔne. Aburi titire
na wote saa din yi. Ne Piesie ne Asare a ɔfiri Adanse Akorokɛre. Wɔn nnyesoɔ ne
Ofoona.
2.3.2 Agona
Arthur (2003) se, Agonafoɔ abusua yɛ abusua ɛtɔ so baanu. Agona Piesie ne Ampɔnsɛm a
ɔfiri Denkyira. Agona wɔ Manu ne Mɛnsa. Manu na ɔwaree Adu akonnwa a ɛwɔ Akyem
Oda. Mɛnsa nso ne Bɔdwesango Ɔbaahemma Adu Gyamfi. Wɔn akraboa ne Ako. Wɔn
mmrane ne “Ako nana”. Wɔn nnyesoɔ ne ago-na. Agonafoɔ wɔ nyansa ne nimdeɛ pa ara.
2.3.3 Asona
Arthur (2003) se, wɔn mu nnipa dɔɔso sene abusua biara. Wɔn piesie ne kuntunkununku
a ɔfiri Asanse Sebenso wɔn akraboa ne anene ne asona-wɔ. wɔn nnyesoɔ ne Oforina.
Asonafoɔ wɔ akokoɔduro pa ara. Wɔn mmrane ne sɛ: Wɔmpere kwa, wɔpere hwehwɛ
2.3.4 Aduana
Arthur (2003) se, Aduanafoɔ yɛ Akanfoɔ mmusuakuo baako a wɔdii kan sɔɔ gyentia ano
kane, ɛno nti ɛnam wɔn so ɛmaa yɛnyaa gya. Wɔn gyentia a ɛdi kan na ɛtua ɔkraman ano.
Aduanafoɔ Piesie Bɔmaa Kusi a ɔfiri Domaa Ahenkuro de bɛsi nnɛ, Piesie, Manu ne
Asumagya. Wɔbɔ wɔn mmrane sɛ “Ɔdensene” asekyerɛ ne wɔyɛ adefoɔ wɔn nso nni
Arthur (2003) se, Asantehene ne wɔn piesie. Wɔn akraboa ne akɔrɔma a wɔn mmrane nso
ne: ɔyokoɔ, yɛfa adeɛ a yɛde kyerɛ, yɛfa no bum. Wɔn nnyesoɔ ne Obiri na anaa Oburu.
2.3.6 Ɛkoɔna
Arthur (2003) se, Ɛkoɔ Asimpi Asare na ɛyɛ wɔn akraboa. Edin no asekyerɛ ne sɛ: “Asare
nnyesoɔ.
2.3.7 Biretuo
Arthur (2003) se, Etwie a wɔfrɛ no ɔsebɔ, ɔkyɛm, ɔkrobɔn anaa aboa fufuo ne wɔn
akraboa. Ofori Kwadwo a ɔfiri Ayaase ne wɔn piepie. Wɔn nnyesoɔ ne Otwi na anaa
Asabe. Biretuofoɔ yɛ akofo pa ara, wɔn na wɔhyɛɛ dadeɛ kyɛ dii ako kane. Wɔn mmrane
2.3.8 Aseneɛ
Agyeman (2008) se, ampan ne ansee ne wɔn akraboa. Kumase amakomhene ne wɔn
Yɛhunu saa mmusuakuo yi nyinaa mu nnipa binom wɔ nkuro ahodoɔ a yɛde redi dwuma
2.4 Akyiwadeɛ
Akyiwadeɛ yɛ suban, nneɛma anaa nneyɛeɛ binom a kuro ana ɔman bi abara na ɛnsɛ sɛ
emu nnipa da no adi anaa wɔyɛ. Akyiwadeɛ yɛ nneɛma binom a mpanimfoɔ susu sɛ ɛho
te, ɛyɛ hu, ɛsom bo, tumi wɔ mu, sɛbe, ebi yɛ tan na yɛnnka. (Agyekum, 2010:4-6)
Akanfoɔ akyiwadeɛ bi ne sɛ: ɔbarima bɛfa ɔbaa wɔ wuram, sɛ obi bɛdi mogyafra ne ade.
Sɛ obi bu akyiwadeɛ so a, wɔtumi twa no asu, wɔbɔ no ka sane tumi ma no twitwa nkokɔ
ne nnwan.
Saa ᴐfa yi kyerε nhwehwεmu bi a animdefoᴐ bi ayε afa abosom ho, wᴐn din, beaeε a
Nkansah (1991) kyerɛ sɛ, kane no, sɛ Nananom tu a, wͻde wͻn abosom nyinaa na ɛkͻ.
Wͻde wͻn werɛ nyinaa hyɛɛ wͻn abosom mu, na wͻde wͻn sii Onyankopͻn anan mu.
Wͻfaa wͻn sɛ wͻn nyame wͻ wͻn dwumadie biara mu. Eyi nti, sɛ ͻman bi tu kͻkyekyere
kuro foforͻ a, wͻma abosom yi di wͻn tiban na amma bͻne ammɛtena wͻn mu. Na wͻn
Ɔsɛe Kwadwo (2002) Kyerɛ sɛ, Akanfoͻ gye onyankopͻn di nti sɛ mpɛn pii no, sɛ obi
wu mpo a, wͻtumi ka sɛ w′ayɛ onyame dea. Bio sɛ abosom yi na wͻgye nipa aforebͻ ne
wͻn abisadeɛ kͻ onyankopͻn hͻ. Afei wͻgye mmuaeɛ firi onyakopͻn hͻ brɛ nipa.
Boahen (2001) kyerɛ sɛ, abakͻsɛm yɛ daa daa asetena bi a ɛsii wͻ ͻman bi mu a saa nsɛm
mu a saa nsɛm no wͻ adansefoͻ. Ɛyɛ nsɛm bi ɛfa ankorankorɛ bi a wͻanya wͻn baabi kͻ
ho a yɛde ma nkyirimma sɛ abrabͻ ho susudua. Nea ͻkyerɛfoͻ yi aka no, ɛkyerɛ sɛ jfa
nsɛm bi a asi a ɛfa kuro bi ho, nnipa ho, ɛnsɛ sɛ ɛtͻ nsuo mu koraa.
Kofi Agyekum (2011) Akanfoɔ gyidie ne sɛ, Otweaduampɔn de tumi soronko bi ama
Peter A, (1977) Kyerɛ sɛ, mpɛn pii no abosom no hwehwɛ sɛ yɛde nkokͻ bɛdane wͻn
Boahene, A. (2003) Kasa fa abosom no mu baako ho, na ͻkyerɛ sɛ, Anyaman yɛ bosom
amanneɛ ma no. Ɔkyerɛɛ sɛ, ɛnyɛ abosom nyinaa na ɛwͻ akͻmfoͻ a wͻkͻm wͻn ano.
Yɛtumi hunu sɛ deɛ nhwehwɛmufoͻ ne atitire binom akeka yi nyinaa di adanseɛ sɛ,
yɛ wͻn ahiadeɛ ma wͻn mmom ɛnyɛ sɛ wͻkumkum nipa sɛdeɛ binom anya nkaeɛ no.
Peter, A. (1977) kyerɛ sɛ, abosom tumi kyerɛ onipa hyɛbrɛ. Ɔtoaa so sɛ, abosom yɛ
ahonhom bi a yɛmfa y'ani nhunu. Ɔtoaa so sɛ, abosom gu ahodoͻ mmienu. Deɛ edi kan
ne Yaawa anaa Asuo mu bosom ɛna deɛ ɛtͻ so mmienu ne abosom Mmarafoͻ.
Akanfoɔ tumi sɔre wɔn abosom wɔ ahemfie ne abosomfie. Ɔtoaa so sɛ, abosom tumi di
Abosom tenabea
Agyekum (2011) kyerɛ sɛ, abosom tumi tena bepɔ mu, te sɛ, Baba Bepɔ,Cboc tabiri,
nsuom abosom nso bi ne Tanɔ, Birem, Ayanta a ɛwɔ Asante Bekwae, Afram ne Antoa
Peter (1977) kyerɛ sɛ, ɛyɛ ahonhom bi a wͻtete abͻdeɛ mu sɛ ɛbia, nsuo, abotan, nnua,
nnipa ne mmoa mu. Ɔtoaa so sɛ, wͻn nyinaa ɛwͻ akwan a wͻfa so da wͻn tumi adi.
Korsah La & Kuwornu (2019) kyerε sε, ᴐbosom Nana Fosu yε bosom bi ᴐte Cape Coast
nsoum a yεfrε no Lagun, Nana Tabiri so yε bosom a wᴐte abotan a εwᴐ CapeCoast
mfinimfini mantam mu, bosom a yεfrε no Etuel nso bᴐbea ne εboᴐ mu. Ↄkyerε sε, saa
abosom yi a yεabobᴐso yi nyinaa firi Oguaa kuro no mu. Sε eduru afahyε biara nso a saa
Peter (1974) kyerɛ sɛ, abosom wͻ dwumadie ahodoͻ a wͻdi. Amanfo agye atom, na
wͻsane de wͻn ho to so sɛnea wͻbɛboa wͻn, titirie ne wͻn a wͻyɛ mmerɛ wͻ honhom
fam ne berɛ a obi pɛsɛ wͻtietia wͻn fahodie so. Ɔtoaa so sɛ, abosom na ɛtumi kyerɛ obi
hyɛbrɛ. Hyɛbrɛ no
gu ahodoͻ, obi deɛ yɛ asoͻmmerɛ, adwumayɛfo ne obi a ͻwͻ ͻdͻ. Ɔtoaa so sɛ ɛtͻ da a,
hyɛbrɛ tumi ne nea yjkyerɛ no nyinaa bͻ abira. Ɔtoa so sɛ, abosom tumi kyerɛ onipa
hyɛbrɛ. Bio ͻkyerɛ sɛ, abosom yɛ ahonhom bi a yɛmfa y'ani nhunu. Ɔtoaa so sɛ, abosom
gu ahodoͻ mmienu. Deɛ edi kan ne Yaawa anaa Asuo mu bosom ɛna deɛ ɛtͻ so mmienu
ne abosom Mmarafoͻ.
Soyinka W. (1964) Ka wͻ ne nwoma no mu sɛ; ′′ɛyɛ nokwarɛ sɛ nsuo kura ͻgyeɛ tumi
nwanwasoͻ bi′′. Ɔkaa bio sɛ ′′mmaa bi wͻ hͻ a wͻsom ɛpo, asubͻntene ne nsuwa ahodoͻ
ͻgyeɛ ba′′.
Korsah La & Kuwornu (2019) kyerε sε, mpatu yareε bi yii ne ti mmere bi a atwam no,
na kuro no abosom hyεε wᴐn sε wᴐnfa nnipa mmogya na εnyi apaeε sεnea εhaw no to
bεtwa. ᴐmanfonom aniannye saa akwankyerε yi ho koraa nanso ᴐbarima bi tuu ne ho sii
hᴐ de bᴐᴐ saa afᴐreε yi maa abosom no. Na saa ᴐbarima yi de Ogua nti firi hᴐ no,
2.6 AHENSIE.
anim, anaa da ano sɛ ɔhene, Asomah, (2017). Authur, (2003) nso se ahensie yɛ ɔkwan a
Akanfoɔ nam so de obi si akonnwa a atɔ mpan so. Ɔkyerɛ mu sɛ, Akanfoɔ nni ho agorɔ
koraa, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ wiase yi wɔ wuranom, enti ɛsɛ sɛ obi hwɛ ɔman ne nnyapadeɛ a
nananom apɛ ato hɔ no so yie. Prempeh, (2003) kyerɛ mu sɛ, Akanfoɔ ahensie gyina
akonnwa ne wɔn anyamesom so. Yei nti berɛ biara wɔhia obi a ɔbɛtumi ahwɛ so, na
wasane agyina wɔn anan mu ne nananom adi nkutaho wɔ nsaguo anaa apaeɛ kwan so.
Ɔhene yɛ obi a ɔtumi wura baabiara ɛsiane ne tumi nti, na ɔnsuro nnipa animadeyɛ, na
ɔsane nim ahaban mu na ɔkɔ ne manfoɔ mmoa. Wɔsi ɔhene wɔ berɛ a akonnwa bi atɔ.
Asɛmfua “ɔhene” gyina hɔ ma onipa a ne ho yɛ hene. Yei kyerɛ sɛ baabiara ɔwɔ hɔ. Ɛwɔ
sɛ ɔhene yɛ onipa a ɔwɔ akokoɔduro a ɔtumi wura baabiara, na ɔmmɔ hu. Ɔhene no ne
kuro wura. Yei nti, ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ adeɛ nyinaa mu sɛ ebia; ɔsakorɔ mu, afahyɛ mu,
ɔdi adeɛ, na abusua ne ɔmanfoɔ ate ase sɛ wɔmma no nni wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn man
no bɛtu mpɔn. Sɛdeɛ ɛnam obi so na yɛbɛduaa baabi a yɛwɔ yi no, saa ara nso na ɔman
biara wɔ sodifoɔ.
2.7 Tɔfabɔ
ɔfa yi kyerɛ sɛdeɛ animdefoɔ binom akyerɛ wɔn adwene afa abakɔsɛm, Akanfoɔ